Tumgik
obengwoha · 1 month
Text
Kosɛ, kosɛ; Asɔnsuaso ba Kwaa Gyebi nenam Gyamase
Amakye Dede kaa asɛm wɔ ne dwom bi mu. Na asɛm no mu ɛyɛ duru. Ɛna ɛwɔ nkyerɛaseɛ beberee. Na me nsoso mayi asɛm a, mede ayɛ Anansesɛm a, mereba abɛto akyerɛ wo.
Ebi a, asɛm no bɛfa wo ho; kafra. Na sɛ ɛmfa wo ho nso a, asɛm biara nni hɔ a, ɛkyiri afutuo. Wobɛ tumi ama wo nua bi abɛtie bi.
Ɔkaa sɛ: “Kosɛ, koseɛ, Asɔnsuaso ba Kwaa Gyebi nenam Gyamase”. Asɛm wei, ɛmu ɛyɛ duru. Ɛne sɛ, mmerɛ bi na Asɔnsuaso woo ne ba Kwaa Gyebi. Na abrabɔ mu bɛyɛɛ den. Na Asɔnsuaso hwɛ dinn sɛ, ɛkɔm bɛde ɔne ne ba deɛ; ɛneɛ dabi. Ɔbɛtu bata akɔ pɛ aduane. Ɛsan sɛ, anoma antu (ankɔ) a, ɔbua da.
Na na Kwaa Gyebi yɛ akwadaa mono a, ne ho nnya mfifiriɛ mpo. Nti Asɔnsuaso kraa ne ba yi sɛ: “Kwaa Gyebi, ɛnyɛ sɛ anka mɛgya wo hɔ akɔ. Nanso, mankɔ a, yɛbɛ bua ada; yɛ mmienu bɛwu. Enti meretu bata makɔ pɛ aduane aba. Ebi a, mentumi mma nnɛ, efiri sɛ, baabi a, merekɔ no kwan ware. Na sɛ mantumi amma bio mpo a, Nyankopɔn nhwɛ wo so.” Asɔnsuaso ne ne ba yi nyinaa suueɛ. Ɛna ɔne no dii nkra.
Asɔnsuaso kɔɔ akyiri yie. Ɛsan sɛ, na ɔpɛ asi. Na ne ti yɛɛ yie. Ɔkɔ nyaa aduane yi bi. Na ɔrena no, adeɛ bɛsaa no wɔ kwan mu. Ɔnhunu baabiara. Enti sɛ wanhwɛ yie, ɔde ne tiri bɛkɔ akɔ pem dua bi mu ama ne kɔn mu abu. Enti ɛbɛyɛ deɛ a, ɔbɛpɛ dua bi nkom ada. Na sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, anɔpa tutuutu watoa n’akwantuo so.
Ɔkɔ tweree dua bi nkon mu. Ɔtweree dua bi nkon mu, na saa anadwo no, ahum kɛseɛ bi tuuiɛ, ɛma mframa bɔɔeɛ, ɛma nnua bubuui.
Na Asɔnsuaso tiri anyɛ yie ɛma dua bi panyɛ ɛbɛfɛɛ ne nan. Na ɛyɛ awerɛhosɛm. Asɔnsuaso suueɛ, teaa mu, pɛɛ mmoa. Nanso na mframa ne ahum a atu no nti, obiara mpo ante.
Na mmom ɔyɛɛ n’adwene sɛ, sɛ ɔbɛyɛ a ɔbɛgaye aduane no mu paa ara deɛ, ɛneɛ aduane no ɛmmɔ n’ano na ɔnwu.
Ɛkɔ duruu sɛ, ɛwuo ara na ɔbɛwu, ɛsan sɛ, na ɔnya ɔgyefoɔ. Na mmom ɔka kyerɛɛ neho sɛ: "Awurade, mede me ba Kwaa Gyebi hyɛ wo nsa. Na mmom aduane a, ɛbɔ m’ano yi deɛ, mennyae nto ɛfam. Na menim sɛ ɛda bi, Kwaa Gyebi bɛnya nkwa. Na ɔbɛ sɔre. Na ɔbɛba abɛhunu sɛ aduane yi bɔ m'ano. Mpo sɛ ɔbɛhunu sɛ me nkranpan na aka a, ɔbɛhunu sɛ meyɛɛ deɛ mɛtumi nyinaa. Me nsa na anso m'akyi." Ɛna Asɔnsuaso wuuiɛ.
Na saa anadwo no, na ɔwɔ bi ayɛ n'adwene sɛ, ɔbɛkɔ akɔkye Kwaa Gyebi ɛne ne maame ɛwɔ ne buo mu ɛde akɔma ne mma. Na Kwaa Gyebi nkoara na aka no ɛbuo no mu.Na nsuo no boo no. Na werɛ aho, ɛresu refrɛ ne maame. Na adwene bi baa ne tiri mu sɛ, ɔbɛtena ɛbuo no mu awu deɛ, ɛneɛ ɔbɛpere atɔ ɛfam. Na ɛyɛ bi a, ɔbɛnya aduane bi atasetase.
Anoma yi pereɛ ara; Kwaa Gyebi pereɛ ara na ɔte tɔɔ ewira yi ase. Ɔnenam ewira yi ase awerɛho-awerɛho.
Na nsuo retɔ. Ɛna susaa nso atwa ne ho ahyia. Na ɔhunuu sɛ, ɔwɔ bi name wɔnom buo no ho a, ɔrebɛpɛ wɔnom amene wɔnom, ɔne ne maame.
Ɔse: "a! Ɛneɛ sɛ wantɔ fam a, anka ɔwɔ yi de no bɛyɛ ha name." Enti ɔhunuu sɛ, dabi, susaa yi a ɛrekɔ yi deɛ, "mempre nkɔ tɔ mu, na baabi ara ɔbɛgyae ne ato no deɛ, asaase biara nkyiri funu. Mewu tɔ ɛhɔ a, mɛkɔ akɔhyia me maame".
Ɛna ɔpereɛ ara na ɔkɔtɔɔ susaa yi mu. Ɛna susaa yi de no name ɛwura yi mu kakra kakra, ɛna ɛkɔ gyaee no too baabi. Na ɛnam nsuo a ɛtɔɔ anadwo no, anoma bi perebuo te tɔɔ ɛfam, a ne mma nso egu mu.
Kwaa Gyebi yɛɛ sɛ, sɛ deɛ ne mma yi ho nni nwii no deɛ, ɔno nso bɛkɔ akɔfra wɔnom mu. Na sɛ nnomaa yi maame ba, wabɛhwɛ wɔnom nyinaa afra. Enti ɔperee ara kɔhyɛɛ ebuo yi mu bi.
Na anoma no baaeɛ no, ɔbɛtamm ɛbuo yi de sɛnn dua foforɔ so, a ɔrehwɛ wɔnom. Enti ɛkɔbaa sɛ, mmerɛ rekɔ no ara no, nnomaa yi ho hyɛɛ aseɛ sɛ, ɛrefu. Ɛna anoma maame yi bɛhunuu sɛ: "dabi, anoma foforɔ bi abɛfra me mma yi". Wɔnom ntakara no ɛnsɛ. Na ɛkyerɛ sɛ, Kwaa Gyebi ɛyɛ ɔhɔhoɔ ɛwɔ ne mma mu. Enti ɔyii Kwaa Gyebi ɛna ɔtoo no tweneeɛ.
Kwaa Gyebi, saa mmerɛ na wahyɛ aseɛ refu ntakara. Na ɛnsoso, na ɔnnuruu sɛ ɔtu. Kwaa Gyebi hunuu sɛ, deɛ aduru no, ɔnoara apere antu a, ɔbɛwu. Enti ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔnoara ankasa retu. Ne mpɔn mu nyɛ den, nanso ɔbɛyɛ deɛ ɔbɛ tumi biara sɛ ɛbɛyɛ a, ɛkɔm nku no.
Ɔpereeɛ ara; Kwaa Gyebi de nkakra-nkakra. Nyame adom, Kwaa Gyebi anwu. Ɔbɛ nyiniiɛ. Na da koro, ɔnam ara na ɔkɔ sii dua bi so. Ɛna ɔhunuu sɛ, nkranpan bi kura aduane bi mu. Ne yam hyee no. Ɔtwe bɛn nkranpan no na ɔhunuu sɛ: “a! Me maame Asɔnsuaso nnie”. Anoma yi suui ɛna ɔse: “a! Me yam nti na me maame abɛwu aka dua yi mu yi”.
Ɔsuuiɛ, ɛna ɔkɔ hweteree ɛfam baabi, ɛna ɔyii ne maame nkranpan kɔ guu mu, na ɔkataa so. Ɛna ɔkaa sɛ: “Mama woyɛɛ sɛ deɛ wobɛ tumi ayɛ sɛ wode aduane bɛbrɛ me. Nanso mmerɛ ne nkrabea, ɛwɔ Nyame hɔ, woantumi. Na mmom aduane yi a asɛe yi, mɛdi ahyɛ wo din animoɔnyam. Ɛsan sɛ, me nti na wobɛ wuuiɛ. Ɛna Asɔnsuaso gyee aduane yi, ɛba ɔdiiɛ. Ɛna ɔkataa ne maame so.
Wonim? Deɛ Onyame bɛyɛ biara yɛ. Yɛn mu beberee wɔ hɔ a, deɛ yɛfiri be abusua a, yɛfiri mu, awofoɔ bi a wɔwoo yɛn no, wɔnom pereeɛ ara sɛ anka wɔn nsa bɛso y'akyi. Na ɛnsoso, wɔn ahoɔden antumi. Yɛn mu beberee wɔnom anka wɔbɛ dware y'kyiri no, yɛ ammɛto wɔn. Enti anoma foforɔ bi na ɔhwɛɛ yɛn. Nanso obi bɛyɛ wo yie a, na ɛnte sɛ wo maame.
Na ɛnsoso, Nyame nim neɛ nti a, ɔyɛ ne biribi ara. Sɛ Asɔnsuaso ne ne ba amfiri buo no mu, anka ɔwɔ no bɛwee wɔnom nyinaa. Ɔyi biribi firi hɔ, na ɔde biribi ahyɛ anan mu.
Ebi a na wo nsa anso w'akyiri adwareɛ. Na ensoso woapere ara sɛ, woanyɛ no saa, ɛnyɛ yie. Enti woara apere na sɛ ɛnɛ, woaduru mpɛnpɛnsoɔ bi a, da Nyame ase. Deɛ ɛbɛsi biara yɛ. Amma no saa, anka ɛnyɛ.
Nyame nkyekyere obiara a, wahwere ne maame werɛ. Na yɛn a, yɛ anso tuo, nanso yɛ peteeɛ tuuɛ, Nyame adom, yɛ anwu na yɛ te ase no, yɛ ntwa yɛ ani nkɔhwɛ yɛ akyi. Na anka wɔn bɛtumi a, anka wɔnom yɛɛe. Na wɔnom antumi nti, na wɔnom gyaa yɛn agyaegyae mu.
Nyame nhyira awofoɔ biara. Wo ne Nyame nyɛ adwuma.
Ɔbɛnem 20, 2024
0 notes
obengwoha · 1 year
Text
Me Nsɛm
(Kwadwo Awotey)
Ɔdɛɛfoɔ, Ɔtumfoɔ, Asante Kɔtɔkɔ hene.
Sɛ yɛte wodini a, yɛboro yɛn twene.
Wokum apem a, apem bɛba,
Daa apem abɔn mpempem dɔm pem.
Wɔsoa wɔn dɔm mpempem,
Nanso ɛnkyɛ na wapem.
Efiri sɛ wo deɛ woyɛ baako, ɛnso wokyɛn apem.
Sikadwa Kofi, ɛyɛ wo na wote so.
Obi nya bi a, anka ɔbɛyɛ bi,
Ɛnso hwɛ sɛ ɔretee so.
Náná, wo nànà,
Mempɛ kàsà, mepre kásá, nanso mesrɛ mekásá.
Ɛyɛ asɛm bi na abɔ me pusa,
Ɛna menam a, na mere bisabisa,
Kasakasa tesɛ akasaa.
Nti adasa, mesrɛ.
Monya aso na montie me kasa.
Menya a, anka mɛto me bo,
Ɛnyɛ sɛ mabo, ɛnso nsɛm hyehyɛ me bo.
Wo deɛ, ma mentwe w'adwen
Nkɔ "nantinkwadwohoho".
Nsɛm wei meka a,
Nipa taa tea mu sɛ: Kwadwo, o! ho!
Woaka wo ho ne w'akekakeka.
Ɛ! Mɛka!
Me nsɛm no, ɛnyɛ banku, nanso mɛka.
Banku koraa deɛ me,
Meka a, ɛmu nni aba,
Nanso me nsɛm no mu wɔ aba.
Nti mɛka.
Nti mesrɛ, ma me akwaaba.
Mpaninfoɔ se nyansa wɔ fie,
Nti di m'akyi bɔkɔbɔkɔ, na yɛnkɔ fie.
Na memmɔ w'adwen nkofie.
Na mendwee m'asɛm no aba wɔ w'adwen mu.
Na daakye, ɛbɛdi woho afofie.
Me nsɛm no mu ɛyɛ duru,
Nti mafa apotɔyowa.
Mepotɔ, metwi,
Potɔ, twi (2x).
Nti me nsɛm no
Ɛyɛ a meka no pɔtɔ.
Efiri sɛ, Santase kwan so na metee sɛ Brɔfoyɛdu.
Brɔfo yɛ duru o — “arishrish nkontomire”.
Brɔfoka wɔ hɔ yi, ɛnyɛ fo sɛ deɛ woretu mmire.
Nti brɔfo yɛ duru nti,
Sɛ mereka brɔfo na me duru Brɔfoyɛdu a,
Ɛyɛ a metwam kɔ Twi.
Kotwii, kotwii, Kotwi.
Me nsɛm no, m'apotɔ.
Ɛnso ɛnyɛɛ ɛtɔ.
Nti gye di, na entwi wo.
Me nsɛm no, ɛnyɛ akutia;
Enti ɛntwi wo.
Mesrɛ meka o!
Me nsɛm no, ɛnyɛ soroku;
Enti ɛntwi wo.
Ɔpɛpɔn 24, 2023
9 notes · View notes
obengwoha · 2 years
Text
Dasramete, kamɔn. Mese, sɛ ɛnyɛ obibini a, anka mennim sɛ kaa nso tumi tɔ gu so o. Kaa ɔrebɔ akokompe anaa wei ɛyɛ catwalk. Ɛwɔ aberɛ a Sofoline alignment ɛwɔ hɔ no, worebɛ hwɛ ara ama kaa yi adi dɛm abɛyɛ ɔyarefoɔ.
O Awurade, bibini kaa nso abrɛ o! Chairman gyina soro hɔ anwee n'ani sɛ honhom bɔne a, ɔretwam wɔ crusade ase. Wei ɛtɔ pothole mu pɛ, medɔ woara, chairman se bɛtu.
Ɔsanaa 2, 2022
3 notes · View notes
obengwoha · 2 years
Text
Me din de Ɔbarima Bɛdii Adeɛ.
Meyɛ siniyɔni.
Ne saa nti,
Abere ne abere nyinaa,
Sɛ me se gu ɛso ara ni.
Kaka, ɛyɛ m’akyiwadeɛ;
Anomka, ɛyɛ m’akyiwadeɛ.
Ɛsɛ sɛ mesere kyerɛ nipa,
Na menya paste a,
Ɛbɛbɔ me se ho ban.
Ɛna ama me se ayɛ den.
Kaka, ɛka; obiara nni hɔ a ɔpɛ.
Nanso kaka deɛ, ne ho ɛyɛ wawa,
Ɛkyerɛ sɛ, yɛnsrɛ ɛse ɛntu ɛkwan.
Ɔdasani e, paste mmienu pɛ
Na ɛwɔ ɛdwa so a,
Ayɛ wɔn ho prɛkɛsɛ gyaamadu a,
Wɔnom fiti krotia a, na wɔnom ho agye afie mu.
Paste mmienu pɛ na ɛreyi nipa afiri
Anomka, ɛne kaka, ɛne anom kankan ɛho.
Paste mmienu pɛ na ɛrebɔ wo se no ho ban
Ama wo se ayɛ den.
Ɛnoara ne Moringa toothpaste.
Ɛyɛ yɛnara nhahamma na yɛde ayɛ paste yi.
Enti ekuta nnuane nnuro beberee a
Ɛbɔ ɛse ho ban paa ara.
Saa ara nso na Original Charcoal toothpaste.
Ɛno nso so ɛyɛ yɛnara yɛ nhahamma.
Yɛn bidie, yɛn lemon, ɛne yɛn nnua ahodoɔ,
Na yɛakeka afra na yɛde ayɛ paste yi.
Hwɛ, ɛrebɛ ma wo se ayɛ den,
Worebɛ we dompɛ abɔ dompe mu.
Worebɛ sere, ɛrebɛ yi mpanpan,
Ɛrebɛ pam kaka afiri w’anom.
Wote ɛhɔ na woregye deɛn?
Tu mirika ɛ.
Wokɔ edwaso a, wose worepɛ paste yi
Emu mmienu.
Baako biara a wobɛ nya no
Woanya adeɛ pa.
Kotonimma 15, 2022
2 notes · View notes
obengwoha · 2 years
Text
Abofra 1: Adɛn na me nkoara me pɛɛle a, ɛnkɔ yi?
Abofra 2: Woreba no wofaa Adwoa nom hɔ anaa?
Abofra 1: Aane
Abofra 2: Adwoafoɔ ‘bad luck’ (mmusuo) pa ara.
Abofra 1: Wonhu sɛ wopɛɛle a ɛnkɔ?
Abofra 2: Adwoafoɔ deɛ wo ne wɔnom tena a, yɛmma wɔnom sika o!
Ɔgyefuo 10, 2022
1 note · View note
obengwoha · 2 years
Text
Abisaa — Agya rek‎‪כ‬ ‎‪כ‬gyaa me adeɛ bi
Akorɔma, Akokɔ ɛne Aburoo
Agya rek‎‪כ‬ ‎‪כ‬gyaa me nneɛma mmiensa – akoroma, akok‎‪כ‬ ne aburoo. ‪Ɔ‬ka kyerɛɛ me sɛ, memfa saa nneɛma mmiensa yi ntwa nsuo mmɛtoa no asuogya. Ɔkoro‎‪כ‬ nso a agya de gyaa me no, nneɛma no mu mmienu pɛ na ɛbɛ tumi afa prɛko.
Sɛ mede akorɔma ne akokɔ no tena ɔkoroɔ no mu prɛko a, akorɔma no bɛkye akokɔ no awe; ɛna akokɔ no bɛwe aburoo no ɛwɔ aberɛ wɔn mmienu wɔ ɔkoroɔ no mu.
Ɛkwan bɛn so na mɛfa de nneɛma mmiensa yi bɛtwa nsuo no ak‎‪כ‬ to agya?
Ɔpɛpɔn 8, 2022
2 notes · View notes
obengwoha · 3 years
Text
Di wo fie asɛm;
Wonim tu a,
Tu wo deɛ.
Na gyae obi deɛ ka
1 note · View note
obengwoha · 3 years
Text
Kɔkɔɔ maame somaa Kɔkɔɔ sɛ ɔnkɔ Nkɔkɔɔ nkɔtɔ kɔkɔɔ mmera. Kɔkɔɔ kɔɔeɛ no, kaa kɔkɔɔ bi kɔbɔɔ Kɔkɔɔ ɛna konkonsafoɔ bi kɔ ka kyerɛɛ Kɔkɔɔ maame sɛ, kaa kɔkɔɔ bi abɔ Kɔkɔɔ [Fibea: ig– @juiscy-vibez]
Ayɛwohomumu 5, 2021
1 note · View note
obengwoha · 3 years
Text
Tumblr media Tumblr media Tumblr media Tumblr media Tumblr media Tumblr media Tumblr media Tumblr media Tumblr media
Skateboarders in Kumasi, Central, Ghana. © Random Photo journal
9K notes · View notes
obengwoha · 3 years
Text
Tumblr media
32 notes · View notes
obengwoha · 3 years
Text
Ɛkɔm a Ɛsii Kwaku Ananse Kurom
Anansesɛm sesɛ o!
Kuro bi na ɛkɔm sii so. Wowɔ sika sɛ deɛn koraa a, wonnya aduane ntɔ, na woanya ebi koraa adi.
Wei na Kwaku Ananse kɔree afuom na ɔnyaa borɔdeɛ bɛtem baako. Na na borɔdeɛ bɛtem no toa so edummienu. Ɔno nso na abusua a ɔwɔ mu no, ɔno na ɔtɔ so edummiensa.
Wei na ɔduruu fie na ɔse, “Akɔnorɔ, noa aduane yi na wo ne nkwadaa no monkyɛ na monni”.
Ɛna Akɔnorɔ se, “na wobɛdi ɛdeɛn?”
Ɛna ɔse, “O! adɛn? Ɔbarima na ɔnom aduro a, ɛyɛ nyono. Mannya hwee anni na m’abusua, moamee a, mepɛ. Saa ara na mepɛ no”.
Enti wei na maame no anoa aduane no awie. Ɔne nkwadaa no redi ara. Ɛna Kwaku Ananse kɔ tenaa baabi a ɛhwɛ baabi a wɔnom te no anim.
(Kwaku amuna n’anim).
Wɔresu gu ne yam saa ara. Wei na obi de aduane rehyɛ n’anom a, na ɔrehwɛ saa ara. Ɛna obiara se, “o! dada annya aduane no bi nti na ɔresu su no. Dada annya aduane no bi”.
Enti na obiara de ne deɛ ɛfa kɔ maa Kwaku Ananse. Wɔnom wieɛ, na Kwaku Ananse nkoara anya nsia. Kwaku Ananse, adwene kɛseɛ a ɛkuta no no. Megye di sɛ na ɔne Alatafoɔ na ɛyɛ adwuma.
Anansesɛm yi. Sɛ ɛyɛ dɛ o, sɛ ɛnyɛ dɛ o. Obi nso mmɛto bi.
Fibea: https://www.instagram.com/p/CNJ49H-JISc/?igshid=109r1sv1mpslq
instagram
Oforisuo 8, 2021
2 notes · View notes
obengwoha · 3 years
Text
Merebɛ noa nkwan ama wo (Jerusalem)
Kyerɛ,
Merebɛ noa nkwan ama wo.
Kyerɛ,
Kyerɛ.
Merebɛ noa nkwan ama wo.
Ɛsɛ sɛ neɛ ...
"Reactivity"
Agyese
Merebɛ noa nkwan ama wo.
Nkruma nkwan,
Akranteɛ nkwan.
Hii adwanmoa nkwan,
Hmm ɔtwe nkwan,
Mmm abunu-abunu nkwan,
Nkatekwan,
Nkrakra-nkwan,
Hmm bankye ampesie,
Mm angwa mmo.
Mm nkonkoté.
Abɛ nsuo,
Ei kubé nsuo
Yɛretwitwa bi.
Yɛrepaaté (party).
Mm yɛrehwe nkwan.
Uu ɛyɛ abɛ nkwan.
Nfantefoɔ nkwan,
Ɛsrɛmfoɔ nkwan,
Kwawufoɔ nkwan
Ayigbefoɔ nkwan.
Mm yɛhwe nkwan,
Oo ɛyɛ abɛ nkwan.
Ei nkwan na ɛyɛ dɛ sei?
Ei nkwan na ɛyɛ dɛ sei?
Ei nkwan na ɛyɛ dɛ sei?
Ei yɛ ani agye.
Ei nkwan na ɛyɛ dɛ sei?
Ei nkwan na ɛyɛ dɛ sei?
Ei nkwan na ɛyɛ dɛ sei?
Ei yɛ ani agye.
(Yɛrebɛ noa nkwan ama wo)
Abɛ nsuo,
Ei kubé nsuo
Yɛretwitwa bi.
Yɛrepaaté (party).
Mm yɛrehwe nkwan.
Oo ɛyɛ abɛ nkwan.
Nfantefoɔ nkwan.
1 note · View note
obengwoha · 4 years
Text
Ɔtwe Mporɔ Ɛwɔ Adukrom
Anansesɛm sesɛ o!
To no yie!
M’anansesɛm a merebɛto yi, ne tiri ne Ɔtwe Mporɔ Ɛwɔ Adukrom.
Mmerɛ bi, osikani trimuɛdenfoɔ bi tenaa ase a na ɔwɔ akoa bi. Saa akoa yi nim ahayɔ yie. Na ɔto aboa a, ɔnto mfom da. Sɛ ahanam yɛ ne wura akɔnɔ a, ɔma ne tuo so kɔ wiram a, ɔbɛba na aboa bɔ ne kɔn ho.
Da koro bi a ɔkɔɔ saa no, ne nsa kɔ kaa batafo kɛseɛ bi. Ɔde baaeɛ pɛ na ne wura no se, wei deɛ wɔfrɛ no “akoa nni”. Enti ɔne ne yere ne ne mma dii a, wɔamma no bi da.
Da bi, wɔsomaa no bio sɛ, ɔnkɔpɛ ɔtwe bi mmera. Ɔduruui pɛ, ankyɛ koraa na ne nsa kaa bi. Nanso atirimuɛden a, ne wura no bɔɔ no nti, wamfa no ankɔ fie, na ɔde no hyɛɛ adukro bi mu.
Ɔbɛduruu fie a ne wura ne ne yere ne ne mma atwa ahyia rebɔ nsereɛ yi. Ɛna ɔse, “me wura, sɛ mede ɔtwe no baae nnɛ a, anka mɛnya bi na madi?” Ɛna ne wura see no sɛ, “nnɛ mmom deɛ, anka wonnya bi nni. Gye Dabi”. Ɛna akoa no nso ɛreka no ɛwɔ ne tiri mu sɛ, “ɛneɛ, na ɔtwe mporɔ wɔ adukrom”. Wei na ɛsiiɛ nti a, yɛbuu saa ɛbɛ no sɛ, “ɔtwe mporɔ ewɔ adukrom” no.
M’anansesɛm a metooeɛ yi, sɛ ɛyɛ dɛ o, ɛnyɛ dɛ o, medesoa obi. Obi foforɔ nso mmɛto. Mompene me ɛ!
Yɛɛyɛ!
Anansesɛm yi ma yɛhunu sɛ, atirimuɛden nyɛ. Enti obiara nnyae atirimuɛden, na ɔnnɔ ne nua te sɛ ɔnoara ankasa, ankasa ho. M’ano asi. Medamoase.
Ɔsanaa 1, 2020
3 notes · View notes
obengwoha · 4 years
Text
Mmoadoma Nyinaa Twene
Anansesɛm sesɛ o!
M’anansesɛm yi, ne tiri ne Mmoadoma Nyinaa Twene.
Nyɛ mmoadoma nyinaa na wɔkɔɔ ewiram kɔ nwenee twene wawasoɔ bi a, wohwɛ a ɛnhwɛ koraa. Wɔnwenee twene no wieɛ no ɛna mmoadoma nyinaa no hene hyɛɛ ɛda a, wɔbɛyi aboa a ɔbɛsoa twene no.
Enti ɛda no duruuiɛ no, Ɔmanhene maa Ɔkyeame too nsa frɛɛ ɔman mu no nyinaa ma wɔnbɛbɔɔ dɔmpem ɛwɔ ahenfie hɔ.
Enti Ɔhene no de too Ɔkyeame anim sɛ, ɔmfa nto amanfoɔ anim sɛ twene wawasoɔ yi, aboa a ɔbɛsoa yɛ aboa a, ne ho ɛyɛ tan yie pa ara. Nti ɛmaa mmoa no nyinaa tɔɔ emun dinn.
Ɛhɔ ara na Kontromfi, ɔnim sɛ yɛde no nti, ɔsɔree sɛ: "Ɔkyeame, ma no ɛnto Ɔberempɔn ne amanfoɔ sɛ, twene no mensoa", ɛwɔ aberɛ a, obiara nnya nkaa sɛ, ɔno na ɔbɛsoa. Ɔnoara nim sɛ, deɛ adeɛ wɔ ɔno no, ɔnoara na ɔdie. Enti ɔno na ɛsɛ sɛ ɔbɛsoa.
M'anansesɛm yi, ɛha yi ara na mede bɛsi. Merekɔ na obi foforɔ nso abɛto bi.
Mompene me ɛ!
Kutawonsa 12, 2020
7 notes · View notes
obengwoha · 4 years
Text
Obi abrokyire amanehunu
“Tawia, mereka abrokyire ha a mebaaeɛ no, medɔ woara, amane a merefa mu no. Abrɔfo aduane nyinaa yɛ ewura. ‘Cabage’ no; wobɛdi paano a, ewura; wobɛdi mmoo a, ewura. Wɔfa, me nso menyɛ abirekyire. Mentumi nwe ewura haa haa saa. Wɔfa, odwan na ɛwe ewura. Enti ka kyerɛ Maame. Ɔkyena, ɔnkɔ mane wɔ ‘Kotoka International Airport’. Ɔmfa nkamfoɔ, bayerɛ, kookoo ase borɔdeɛ. Na wɔnfa mmerɛ me. Mesrɛ mo. Moamane me a, nnɛ nnanwɔtwe pɛpɛɛpɛ, Wɔfa, mobɛhu me wɔ Gaana”
Ɔbenem 16, 2020
1 note · View note
obengwoha · 5 years
Text
Ɛka
Menim saa sɛ mede wo ka,
Ɛna wo nso de obi ka,
Ɛna ɛwɔ sɛ wotua nipa no nso ka.
Menso obi de me ka.
Wɔmfaa saa ka no mmaaeɛ,
Enti ɔne me ayɛ aka.
Na woanhwɛ nso a,
Me ne wo bɛyɛ aka,
Na afei deɛ aka.
II
Ɛka te sɛ kaka
Ɛka wo te sɛ yam-keka.
Ɛba a, wonhunu deɛ wonka.
Gye sɛ wobɔ bosea tua ka.
Nanso boseabɔ nyɛ kwa;
Akyire asɛm sene ka.
Woanhwɛ a deɛ ɛdeba ne nsɛmkeka.
Nsɛmkeka nso nyɛ ahomka.
Enti wobɛnya a, anka mmɔ ka.
Ɛbɔ 24, 2019
2 notes · View notes
obengwoha · 5 years
Text
Tumblr media
Nyansapɔ
Nyansapɔ wɔ hɔ yi, wɔsane no badwemma
Ɔsanaa 9, 2019
1 note · View note